Lyrics
Mmerɛ bi baeɛ
Na me wɔ ntwɛtwɛdɛ
Na bɔne ne osum ahyɛ m’akoma mu ma
Na bonsam afa me numom
Na me yɛ ɔyera ba
Mede me tiri pempem
Na mehunu amanneɛ
Ɛnnɛ mɛhyia agyenkwa Yesu ama
W’apepa m’aniwa mu nisuo
Mɛhyia agyenkwa Yesu ama
W’asa me yarewa nyinaa
Enti W’ayɛ ama me a (Ɔbɛyɛ ama wo nso)
Yesu W’aka ama me a (Ɔbɛka ama wo nso)
Enti fa wo haw nyinaa ara (Fa bra Awurade anim)
Fa wonkwana nyinaa ara (Fa bra Yesu nkyɛn)
Enti (Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo)
Jesus (Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo)
Ɛfiri sɛ (Ɔyɛ Onyame a)
Ɔyɛ Onyame (Ɔtim hɔ daa)
Me Nyankopɔn (Ɔyɛ Onyame a)
Ɔyɛ Yehowa (Ɔnsakyera da)
Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
Enti sɛ ɛtwentwen ne nan ase
Me nua mɛmpaba
Ɔyɛ Onyame Ɔyɛ N’adeɛ wɔ Ne mmerɛ mu
Sɛdeɛ Ɔyɛ ma Hanna no (Ɔbɛyɛ ama wo nso)
Sɛdeɛ Ɔyɛ ma Sara no (Ɔbɛka ama wo nso)
Sɛdeɛ Ɔyɛ ma Shadrach, Mesach ne Abednego (Ɔbɛyɛ ama wo nso)
Sɛdeɛ Ɔyɛ ma obiaa (Ɔbɛka ama wo nso)
W’ayɛ ama me (Ɔbɛyɛ ama wo nso)
Enti fa wo haw nyinaa ara (Fa bra Awurade anim)
Fa wo da dwene ne wonkwana nyinaa ara (Fa bra Yesu nkyɛn)
Ɛfiri sɛ (Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo)
Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
Ɔyɛ Onyame a
Ɔtim hɔ daa
Ɔyɛ Onyame a
Ɔnsakyera da
Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
Ɔwɔ tumi paa sɛ Ɔbɛyɛ ma wo
Awurade bɛyɛ bɛyɛ
Enti si aboterɛ na twɛn
Ɛkyɛkyɛ koraa
Ɛbɛba mu
Awurade bɛyɛ bɛyɛ
Enti si aboterɛ na twɛn
Ɛkyɛkyɛ koraa
Ɛbɛba mu
Awurade bɛyɛ bɛyɛ
Enti si aboterɛ na twɛn
Ɛkyɛkyɛ koraa
Ɛbɛba mu
Awurade bɛyɛ bɛyɛ
Enti si aboterɛ na twɛn
Ɛkyɛkyɛ koraa
Ɛbɛba mu